Hosea 14

Ahonu De Nhyira Ba


1 Israel, san wʼakyi kɔ Awurade wo Nyankopɔn nkyɛn.
Wʼasehwe fi wo bɔne!

2 Fa wo nsɛm a wowɔ
san kɔ Awurade nkyɛn.
Ka kyerɛ no se,
“Fa yɛn bɔne nyinaa kyɛ yɛn,
na fa ahummɔbɔ gye yɛn,
na yɛatumi ayi wo ayɛ.

3 Asiria rentumi nnye yɛn;
yɛrentena akofo apɔnkɔ so.
Yɛrenka bio da se, ‘Yɛn anyame’
nkyerɛ nea yɛn ara de yɛn nsa ayɛ,
na wo mu na ayisaa nya mmɔborɔhunu.”


4 “Mɛsa wɔn asoɔden yare.
Mefi me koma mu adɔ wɔn,
efisɛ mʼabufuw nni wɔn so bio.

5 Mɛyɛ sɛ obosu ama Israel.
Ɔbɛfefɛw ayɛ frɔmfrɔm te sɛ sukooko.
Te sɛ Lebanon sida no,
ɔde ne ntin betim fam;

6 ne mman bɛdennan.
Nʼahoɔfɛ bɛyɛ sɛ ngodua,
na ne hua ayɛ sɛ Lebanon sida.

7 Nnipa bɛtena ne nwini ase bio.
Obenyin ayɛ frɔmfrɔm te sɛ aburow.
Ɔbɛfefɛw ayɛ frɔmfrɔm te sɛ bobe,
na ne din a ahyeta bɛyɛ sɛ nsa a efi Lebanon.

8 Efraim dɛn na me ne ahoni wɔ yɛ bio?
Megye no so na mʼani aku ne ho.
Mete sɛ dua a nʼahaban mpo;
sɛ wobɛsow aba a, egyina me so.”


9 Hena ne onyansafo? Obehu eyinom mu.
Hena na ɔwɔ nhumu? Ɔbɛte eyinom ase.
Awurade akwan teɛ.
Atreneefo nantew so,
nanso asoɔdenfo hintiw wɔ mu.
Copyright information for TwiAKNA